< Exodus 36 >

1 Fecit ergo Beseleel, et Ooliab, et omnis vir sapiens, quibus dedit Dominus sapientiam et intellectum, ut scirent fabre operari quæ in usus Sanctuarii necessaria sunt, et quæ præcepit Dominus.
Adwumfoɔ a wɔaka a Onyankopɔn ama wɔn adom akyɛdeɛ no nyinaa bɛboa Besaleel ne Oholiab na wɔasi asiesie Ahyiaeɛ Ntomadan no mu, sɛdeɛ Awurade kaeɛ no.”
2 Cumque vocasset eos Moyses, et omnem eruditum virum, cui dederat Dominus sapientiam, et qui sponte sua obtulerant se ad faciendum opus,
Enti, Mose ka kyerɛɛ Besaleel ne Oholiab ne wɔn a wɔaka na wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔboa dwumadie no sɛ wɔnhyɛ aseɛ.
3 tradidit eis universa donaria filiorum Israel. Qui cum instarent operi, quotidie mane vota populus offerebat.
Mose de nneɛma a nnipa no de bɛkyɛeɛ no maa wɔn, na adekyeeɛ biara nso, na wɔnya akyɛdeɛ foforɔ.
4 Unde artifices venire compulsi,
Akyire no, adwumayɛfoɔ no nyinaa gyaee wɔn adwumayɛ no
5 dixerunt Moysi: Plus offert populus quam necessarium est.
kɔɔ Mose nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nneɛma a yɛn nsa aka no dɔɔso sen deɛ yɛhia.”
6 Iussit ergo Moyses præconis voce cantari: Nec vir nec mulier quidquam offerat ultra in opere Sanctuarii. Sicque cessatum est a muneribus offerendis,
Enti, Mose somaa obi ma ɔkɔɔ wɔn nyinaa so kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, afei deɛ, obiara mmɛkyɛ wɔn adeɛ bio. Na obiara amfa hwee amma bio.
7 eo quod oblata sufficerent et superabundarent.
Ɛfiri sɛ, na nneɛma a wɔwɔ no bɛso dwuma no die aboro so mpo.
8 Feceruntque omnes corde sapientes ad explendum opus tabernaculi, cortinas decem de bysso retorta, et hyacintho, et purpura, coccoque bis tincto, opere vario, et arte polymita:
Deɛ ɛdi ɛkan, Ahyiaeɛ Ntomadan no sie no, adenwonofoɔ pa ara no de asaawa a wɔafira yɛɛ nsɛnanotam edu a emu bi yɛ tuntum, bibire ne koogyan a wɔanwono Kerubim agu mu.
9 quarum una habebat in longitudine vigintiocto cubitos, et in latitudine quattuor. Una mensura erat omnium cortinarum.
Nsɛnanotam edu no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ. Emu biara tenten yɛ anammɔn aduanan mmienu na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nsia.
10 Coniunxitque cortinas quinque, alteram alteri, et alias quinque sibi invicem copulavit.
Wɔkekaa ntoma bamma enum sisii animu nyaa nsɛnanotam baako. Ɛnna wɔkekaa ntoma bamma enum a aka no nso sisii animu nyaa nsɛnanotam foforɔ.
11 Fecit et ansas hyacinthinas in ora cortinæ unius ex utroque latere, et in ora cortinæ alterius similiter,
Wɔde ntoma bibire bamma aduonum wurawuraa nsɛnanotam a wɔkeka sisii animu no mu biara ano
12 ut contra se invicem venirent ansæ, et mutuo iungerentur.
a kantankorowa baako biara ne baako di nhwɛanimu.
13 Unde et quinquaginta fudit circulos aureos, qui morderent cortinarum ansas, et fieret unum tabernaculum.
Afei, wɔyɛɛ sika nkɔtɔkorɔ aduonum de sosɔɔ nkantankorowa no mu maa nsɛnanotam ahodoɔ mmienu no yɛɛ nsɛnanotam baako.
14 Fecit et saga undecim de pilis caprarum ad operiendum tectum tabernaculi:
Wɔde ntoma nkatasoɔ dubaako a wɔde mmirekyie nwi na ayɛ
15 unum sagum in longitudine habebat cubitos triginta, et in latitudine cubitos quattuor: unius mensuræ erant omnia saga:
a ne nyinaa tenten yɛ anammɔn aduanan enum na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nsia kataa Ntomadan no so.
16 quorum quinque iunxit seorsum, et sex alia separatim.
Besaleel kekaa saa nkatasoɔ yi enum sisii animu ma ɛyɛɛ bamma tenten baako ɛnna ɔsane de afoforɔ nsia sisii animu maa ɛno nso yɛɛ bamma tenten baako.
17 Fecitque ansas quinquaginta in ora sagi unius, et quinquaginta in ora sagi alterius, ut sibi invicem iungerentur.
Afei, ɔbobɔɔ nkantankorowa aduonum wɔ emu biara ano
18 Et fibulas æneas quinquaginta, quibus necteretur tectum, ut unum pallium ex omnibus sagis fieret.
ɛnna ɔyɛɛ kɔbere nkɔtɔkorɔ aduonum de koakoaa nkantankorowa no, sɛdeɛ ɛbɛma nkataho no bɛkyere pintinn.
19 Fecit et opertorium tabernaculi de pellibus arietum rubricatis: aliudque desuper velamentum de pellibus ianthinis.
Wɔsiesiee nneɛma ahodoɔ mmienu de kataa ɛdan no so. Deɛ ɛdi ɛkan no yɛ odwennini wedeɛ a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, deɛ ɛtɔ so mmienu yɛ abirekyie wedeɛ a ɛsɔ.
20 Fecit et tabulas tabernaculi de lignis setim stantes.
Wɔde okuo yɛɛ ntaaboo de twaa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho.
21 Decem cubitorum erat longitudo tabulæ unius: et unum ac semis cubitum latitudo retinebat.
Taaboo biara ɔsorokɔ no yɛ anammɔn dunum na ne tɛtrɛtɛ nyɛ anammɔn mmienu ne kakra.
22 Binæ incastraturæ erant per singulas tabulas, ut altera alteri iungeretur. Sic fecit in omnibus tabernaculi tabulis.
Nkɔtɔkorɔ mmienu wɔ taaboo biara ase, na taaboo biara yɛ pɛ.
23 E quibus viginti ad plagam meridianam erant contra Austrum,
Na Ahyiaeɛ Ntomadan no ntaaboo aduonu kyerɛ nʼanafoɔ
24 cum quadraginta basibus argenteis. Duæ bases sub una tabula ponebantur ex utraque parte angulorum, ubi incastraturæ laterum in angulis terminantur.
a wɔn ase sisi dwetɛ nsisisoɔ aduanan so. Nsisisoɔ no mmienu mmienu hyehyɛ taaboo biara ase.
25 Ad plagam quoque tabernaculi, quæ respicit ad Aquilonem, fecit viginti tabulas,
Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam nso, na wɔde ntaaboo aduonu atwa ho
26 cum quadraginta basibus argenteis, duas bases per singulas tabulas.
a ɛsisi dwetɛ nsisisoɔ aduanan so a taaboo baako bɛsi nsisisoɔ mmienu so.
27 Contra Occidentem vero, id est, ad eam partem tabernaculi, quæ mare respicit, fecit sex tabulas,
Ahyiaeɛ Ntomadan no fa a ɛkyerɛ atɔeɛ fam no yɛ nʼakyi. Ɛno nso, wɔde ntaaboo nsia na ɛtwa ho,
28 et duas alias per singulos angulos tabernaculi retro:
ɛnna ne twɛtwɛwa biara so nso, ntaaboo mmienu sisi.
29 quæ iunctæ erant a deorsum usque sursum, et in unam compaginem pariter ferebantur. Ita fecit ex utraque parte per angulos:
Wɔde nkɔtɔkorɔ bɛsosɔ ntaaboo mmienu no soro ne ne fam.
30 ut octo essent simul tabulæ, et haberent bases argenteas sedecim, binas scilicet bases sub singulis tabulis.
Enti, ntaaboo nwɔtwe na wɔde bɛyɛ ɛdan no fa hɔ a wɔde bɛsisi dwetɛ nsisisoɔ dunsia so. Taaboo biara bɛfa nsisisoɔ mmienu.
31 Fecit et vectes de lignis setim, quinque ad continendas tabulas unius lateris tabernaculi,
Afei, ɔyɛɛ okuo nnua bi de beabeaa ntaaboo no mu. Mmeamu nnua no enum kɔ ntaaboo no fa baako.
32 et quinque alios ad alterius lateris coaptandas tabulas: et extra hos, quinque alios vectes ad occidentalem plagam tabernaculi contra mare.
Wɔyɛɛ afoforɔ enum nso kɔɔ ɛfa baako. Na mmeamu nnua no enum nso bɔ ntaaboo a ɛwɔ ntomadan no akyi, a ani kyerɛ atɔeɛ fam no.
33 Fecit quoque vectem alium, qui per medias tabulas ab angulo usque ad angulum perveniret.
Wɔbɔɔ mmeamu dua baako de bɔɔ ntaaboo no mfimfini. Wɔde twaa mu firi tire kɔkaa tire.
34 Ipsa autem tabulata deauravit, fusis basibus earum argenteis. Et circulos eorum fecit aureos, per quos vectes induci possent: quos et ipsos laminis aureis operuit.
Na wɔde sikakɔkɔɔ adura ntaaboo no ho, na wɔde sikakɔkɔɔ nkawa asosɔ mmeamu nnua no mu ama no agyina. Na sikakɔkɔɔ dura mmeamu nnua no nso ho.
35 Fecit et velum de hyacintho, et purpura, vermiculo, ac bysso retorta, opere polymitario, varium atque distinctum:
Wɔde ntoma pa a ɛyɛ tuntum, bibire ne koogyan a wɔanwono Kerubim agu mu fɛfɛɛfɛ na ayɛ ntwamutam wɔ Ntomadan no mu.
36 et quattuor columnas de lignis setim, quas cum capitibus deauravit, fusis basibus earum argenteis.
Na wɔyɛɛ okuo nnua fadum ɛnan a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho ne sikakɔkɔɔ nsosɔmu ɛnan maa ntwamutam no. Na fadum ɛnan no mu biara si dwetɛ nnyinasoɔ ɛnan so.
37 Fecit et tentorium in introitu tabernaculi ex hyacintho, purpura, vermiculo, byssoque retorta, opere plumarii:
Afei, wɔyɛɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano nkatanimu. Wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ a wɔde tuntum, bibire ne koogyan adi mu adwini na ɛyɛeɛ.
38 et columnas quinque cum capitibus suis, quas operuit auro, basesque earum fudit æneas.
Wɔde nkɔtɔkorɔ enum na asosɔ saa nkatanimu yi de akyekyere nnua enum no. Nnua no ne ɛho nneɛma ne mpomma no nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ adura ho na ne nnyinasoɔ enum no nso, wɔde kɔbere na ɛyɛeɛ.

< Exodus 36 >