< مزامیر 83 >

سرود و مزمور آساف ای خدا تو را خاموشی نباشد! ای خداساکت مباش و میارام! ۱ 1
Asaf Dwom. Ao, Onyankopɔn, ntena hɔ komm; mmua wʼano, Ao, Onyankopɔn, keka wo ho.
زیرا اینک دشمنانت شورش می‌کنند و آنانی که از تو نفرت دارند، سر خود را برافراشته‌اند. ۲ 2
Hwɛ sɛnea wʼatamfo keka wɔn ho fa, na wɔn a wɔmpɛ wʼasɛm nso ama wɔn ti so.
بر قوم تو مکایدمی اندیشند وبر پناه آوردگان تو مشورت می‌کنند. ۳ 3
Wɔde anifere repam atia wo nkurɔfo, wɔrepam atia wɔn a wo koma da wɔn so no.
و می‌گویند: «بیایید ایشان را هلاک کنیم تا قومی نباشند و نام اسرائیل دیگر مذکور نشود.» ۴ 4
Wɔka se, “Mommra na yɛnsɛe wɔn sɛ ɔman, sɛnea wɔrenkae Israel din bio.”
زیرا به یک دل با هم مشورت می‌کنند و برضد تو عهد بسته‌اند. ۵ 5
Wɔde adwene koro bɔ pɔw; na wɔpam tia wo,
خیمه های ادوم واسماعیلیان و موآب و هاجریان. ۶ 6
Edom ntamadan ne Ismaelfo, Moabfo ne Hagarfo,
جبال و عمون و عمالیق و فلسطین با ساکنان صور. ۷ 7
Gebalfo ne Amonfo ne Amalekfo, Filistifo ne Tirofo.
آشور نیز باایشان متفق شدند و بازویی برای بنی لوطگردیدند، سلاه. ۸ 8
Asiria mpo akɔka wɔn ho de wɔn ahoɔden akɔhyɛ Lot asefo de no mu den.
بدیشان عمل نما چنانکه به مدیان کردی. چنانکه به سیسرا و یابین در وادی قیشون. ۹ 9
Yɛ wɔn sɛnea woyɛɛ Midian, sɛnea woyɛɛ Sisera ne Yabin wɔ asubɔnten Kison ho no,
که در عیندور هلاک شدند و سرگین برای زمین گردیدند. ۱۰ 10
wɔn a wɔsɛe wɔ En-Dor na wɔdan nwura no.
سروران ایشان را مثل غراب و ذئب گردان و جمیع امرای ایشان را مثل ذبح وصلمناع. ۱۱ 11
Yɛ wɔn atitiriw sɛ Oreb ne Seeb, ne wɔn mmapɔmma nyinaa sɛ Seba ne Salmuna,
که می‌گفتند: «مساکن خدا را برای خویشتن تصرف نماییم.» ۱۲ 12
a wɔkae se, “Momma yɛmfa Onyankopɔn adidibea nsase no no.”
‌ای خدای من، ایشان را چون غبار گردبادبساز و مانند کاه پیش روی باد. ۱۳ 13
Me Nyankopɔn, yɛ wɔn sɛ mfɛtɛ mu mfutuma, sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu.
مثل آتشی که جنگل را می‌سوزاند و مثل شعله‌ای که کوهها را مشتعل می‌سازد. ۱۴ 14
Sɛnea ogya hyew kwae, na ogyatannaa so nkoko mu hyew no no,
همچنان ایشان را به تند بادخود بران و به طوفان خویش ایشان را آشفته گردان. ۱۵ 15
saa ara na fa wʼahum taa wɔn na fa wo mframa a ano yɛ den no hunahuna wɔn.
رویهای ایشان را به ذلت پر کن تا نام تورا‌ای خداوند بطلبند. ۱۶ 16
Ma animguase nka wɔn, na ama nnipa ahwehwɛ wo din akyi kwan, Awurade.
خجل و پریشان بشوندتا ابدالاباد و شرمنده و هلاک گردند. ۱۷ 17
Ma wɔn anim ngu ase na wonni yaw; ma wonwuwu wɔ animguase mu.
و بدانندتو که اسمت یهوه می‌باشد، به تنها بر تمامی زمین متعال هستی. ۱۸ 18
Ma wonhu sɛ wo a wo din de Awurade no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni wɔ asase nyinaa so.

< مزامیر 83 >