< 2-я Царств 1 >

1 По смерти Саула, когда Давид возвратился от поражения Амаликитян и пробыл в Секелаге два дня,
Saulo owuo akyi no, Dawid sane firii nkonim a ɔdii Amalekfoɔ so no mu bɛtenaa Siklag nnanu.
2 вот, на третий день приходит человек из стана Саулова; одежда на нем разодрана и прах на голове его. Придя к Давиду, он пал на землю и поклонился ему.
Ne nnansa so no, ɔbarima bi firi Saulo sraban mu a watete ne ntadeɛ mu, atu mfuturo agu ne tiri mu, de rekyerɛ sɛ ɔretwa adwo baeɛ. Ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɔdanee ne ho hwee fam anidie mu.
3 И сказал ему Давид: откуда ты пришел? И сказал тот: я убежал из стана Израильского.
Dawid bisaa no sɛ, “Ɛhe na wofiri?” Ɔbuaa sɛ, “Madwane afiri Israel sraban mu.”
4 И сказал ему Давид: что произошло? расскажи мне. И тот сказал: народ побежал со сражения, и множество из народа пало и умерло, и умерли и Саул и сын его Ионафан.
Dawid bisaa no sɛ, “Na ɛyɛɛ dɛn? Ɔko no kɔsii sɛn?” Ɔkaa sɛ, “Mmarima no dwane firii akono. Bebree totɔeɛ. Na Saulo ne ne babarima Yonatan nso atotɔ.”
5 И сказал Давид отроку, рассказывавшему ему: как ты знаешь, что Саул и сын его Ионафан умерли?
Enti, Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ no saa amaneɛ no sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na wohunuu sɛ Saulo ne ne babarima Yonatan awuwu?”
6 И сказал отрок, рассказывавший ему: я случайно пришел на гору Гелвуйскую, и вот, Саул пал на свое копье, колесницы же и всадники настигали его.
Aberanteɛ no buaa sɛ, “Mekɔfirii Gilboa bepɔ so, na mekɔtoo sɛ Saulo sina ne pea so a atamfoɔ no nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔsotefoɔ abɛn no ara.
7 Тогда он оглянулся назад и, увидев меня, позвал меня.
Ɔdanee ne ho a ɔhunuu me no, ɔteaam frɛɛ me sɛ memmra. Mebisaa no sɛ, ‘Menyɛ ɛdeɛn?’
8 И я сказал: вот я. Он сказал мне: кто ты? И я сказал ему: я - Амаликитянин.
“Ɔbisaa me sɛ, ‘Wone hwan?’ “Mebuaa no sɛ, ‘Meyɛ Amalekni.’
9 Тогда он сказал мне: подойди ко мне и убей меня, ибо тоска смертная объяла меня, душа моя все еще во мне.
“Na ɔsrɛɛ me sɛ, ‘Bɛgyina me so na kum me, na me ho yera me yie, na mepɛ sɛ mewu.’
10 И я подошел к нему и убил его, ибо знал, что он не будет жив после своего падения; и взял я царский венец, бывший на голове его, и запястье, бывшее на руке его, и принес их к господину моему сюда.
“Enti, megyinaa ne so kumm no, ɛfiri sɛ, na menim sɛ tebea a ɔwɔ mu no, ɔrennya nkwa. Na metuu nʼahenkyɛ a ɛhyɛ no no ne nʼabasa so kapo no sɛ mede rebrɛ wo, me wura.”
11 Тогда схватил Давид одежды свои и разодрал их, также и все люди, бывшие с ним, разодрали одежды свои,
Dawid ne ne mmarima no tee asɛm no, wɔde awerɛhoɔ sunsuanee wɔn ntadeɛ mu.
12 и рыдали и плакали, и постились до вечера о Сауле и о сыне его Ионафане, и о народе Господнем и о доме Израилевом, что пали они от меча.
Wɔtwaa ho agyaadwoɔ, suiɛ, bua daa da mu no nyinaa wɔ Saulo ne ne babarima Yonatan wuo ne Awurade akodɔm ne Israelman sɛ wɔn mu pii wuwuu saa da no.
13 И сказал Давид отроку, рассказывавшему ему: откуда ты? И сказал он: я - сын пришельца Амаликитянина.
Na Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ wɔn saa amaneɛ no sɛ, “Wofiri he?” Na ɔbuaa sɛ, “Meyɛ ɔhɔhoɔ Amalekni a mete mo asase so.”
14 Тогда Давид сказал ему: как не побоялся ты поднять руку, чтобы убить помазанника Господня?
Dawid bisaa no sɛ, “Na wonsuro sɛ wobɛkum obi a Awurade asra no no?”
15 И призвал Давид одного из отроков и сказал ему: подойди, убей его.
Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no mu baako sɛ, “Ku no!” Enti, ɔbarima no twee nʼakofena de wɔɔ Amalekni no, kumm no.
16 И тот убил его, и он умер. И сказал к нему Давид: кровь твоя на голове твоей, ибо твои уста свидетельствовали на тебя, когда ты говорил: я убил помазанника Господня.
Na Dawid kaa sɛ, “Wʼano ayi mmusuo ama wo ama woawu, ɛfiri sɛ, wo ara na wokaa sɛ woakum obi a Awurade asra no no.”
17 И оплакал Давид Саула и сына его Ионафана сею плачевною песнью,
Na Dawid too kwadwom maa Saulo ne Yonatan.
18 и повелел научить сынов Иудиных луку, как написано в книге Праведного, и сказал:
Na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkyerɛ nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa to. Wɔtoo no edin sɛ agyan dwom a wɔatwerɛ wɔ Yasar Nwoma mu.
19 краса твоя, о Израиль, поражена на высотах твоих! как пали сильные!
“Wʼanimuonyam ne wʼahosɛpɛ, Ao Israel, awu da mmepɔ so! Akofoɔ akɛseɛ atotɔ!
20 Не рассказывайте в Гефе, не возвещайте на улицах Аскалона, чтобы не радовались дочери Филистимлян, чтобы не торжествовали дочери необрезанных.
“Monnka asɛm yi wɔ Gat, na Filistifoɔ abɔ ose! Monnka wɔ Askelon mmɔntene so, na abosonsomfoɔ ansere ahosɛpɛ mu.
21 Горы Гелвуйские! да не сойдет ни роса, ни дождь на вас, и да не будет на вас полей с плодами, ибо там повержен щит сильных, щит Саула, как бы не был он помазан елеем.
“Ao Gilboa mmepɔ, mma bosuo anaa osuo ntɔ ngu wo so, anaa wo nsianeɛ so. Ɛfiri sɛ, ɛhɔ na wɔguu ɔkofoɔ kɛseɛ no akokyɛm ho fi; wɔremfa ngo nsra Saulo akokyɛm ho bio.
22 Без крови раненых, без тука сильных лук Ионафана не возвращался назад, и меч Саула не возвращался даром.
“Saulo ne Yonatan kunkumm wɔn atamfoɔ ahoɔdenfoɔ! Wɔamfiri akono amma no nsapan.
23 Саул и Ионафан, любезные и согласные в жизни своей, не разлучились и в смерти своей; быстрее орлов, сильнее львов они были.
Ɔdɔ ne ahoɔfɛ bɛn na na Saulo ne Yonatan nni, wɔn mu antete da, nkwa ne owuo mu. Na wɔn ho yɛ hare kyɛn akɔdeɛ; na wɔn ho yɛ den kyɛn agyata.
24 Дочери Израильские! плачьте о Сауле, который одевал вас в багряницу с украшениями и доставлял на одежды ваши золотые уборы.
“Ao, Israel mmaa, monsu Saulo, ɛfiri sɛ, ɔfiraa mo ntoma pa, hyehyɛɛ mo sikakɔkɔɔ agudeɛ.
25 Как пали сильные на брани! Сражен Ионафан на высотах твоих.
“Akofoɔ akɛseɛ atotɔ akono. Yonatan awu da mmepɔ no so.
26 Скорблю о тебе, брат мой Ионафан; ты был очень дорог для меня; любовь твоя была для меня превыше любви женской.
Hwɛ sɛdeɛ mesu woɔ, me nua Yonatan; Ao, hwɛ ɔdɔ a mede dɔɔ woɔ! Na wo dɔ a wode dɔɔ me no mu dɔ; emu dɔ sene mmaa dɔ!
27 Как пали сильные, погибло оружие бранное!
“Hwɛ sɛdeɛ akofoɔ akɛseɛ atotɔ! Wɔayiyi wɔn akodeɛ afiri wɔn ho, na wɔawuwu deda hɔ.”

< 2-я Царств 1 >