< Иисус Навин 4 >

1 Когда весь народ перешел чрез Иордан, Господь сказал Иисусу:
Bere a ɔman no nyinaa twaa Yordan wiei no, Awurade ka kyerɛɛ Yosua se,
2 возьмите себе из народа двенадцать человек, по одному человеку из колена,
“Yiyi mmarima dumien fi ɔmanfo no mu a ɔbaako biara fi abusuakuw no bi mu,
3 и дайте им повеление и скажите: возьмите себе отсюда, из средины Иордана, где стояли ноги священников неподвижно, двенадцать камней, и перенесите их с собою, и положите их на ночлеге, где будете ночевать в эту ночь.
na ka kyerɛ wɔn se, wɔmfa abo dumien mfi Yordan mfimfini nifa so wɔ faako a na asɔfo no gyina hɔ, na wɔnsoa mfa ntwa mmra mmegu faako a mobɛtena anadwo yi.”
4 Иисус призвал двенадцать человек, которых назначил из сынов Израилевых, по одному человеку из колена,
Ɛnna Yosua frɛɛ mmarima dumien a oyii wɔn fii Israelfo no mu no a ɔbaako biara fi abusuakuw bi mu no,
5 и сказал им Иисус: пойдите пред ковчегом Господа Бога вашего в средину Иордана и возьмите оттуда и положите на плечо свое каждый по одному камню, по числу колен сынов Израилевых,
na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Munkodi Awurade, mo Nyankopɔn, adaka no anim mfa nkɔ Yordan mfimfini. Ɔbaako biara mfa ɔbo nto ne bati so sɛnea Israelfo mmusuakuw no dodow te,
6 чтобы они были у вас лежащим всегда знамением; когда спросят вас в последующее время сыны ваши и скажут: “к чему у вас эти камни?”,
na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne wɔ mo mu. Sɛ daakye bi, mo mma bisa mo se, ‘Saa abo yi ase kyerɛ dɛn’ a,
7 вы скажете им: “в память того, что вода Иордана разделилась пред ковчегом завета Господа всей земли; когда он переходил чрез Иордан, тогда вода Иордана разделилась”; таким образом камни сии будут у вас для сынов Израилевых памятником навек.
monka nkyerɛ wɔn se, Yordan gyaee sen, gyinae wɔ Awurade apam adaka no anim, bere a Awurade apam adaka no retwa Yordan asubɔnten no. Saa abo yi bɛyɛ nkae ade ama Israelfo daa nyinaa.”
8 И сделали сыны Израилевы так, как приказал Иисус: взяли двенадцать камней из Иордана, как говорил Господь Иисусу, по числу колен сынов Израилевых, и перенесли их с собою на ночлег, и положили их там.
Enti, mmarima no yɛɛ sɛnea Yosua kyerɛɛ wɔn no. Wɔfaa abo dumien fii Asubɔnten Yordan mfimfini a ɔbo baako biara gyina hɔ ma abusuakuw baako, sɛnea Awurade hyɛɛ Yosua no. Wɔsoa de kɔɔ faako a wɔtenaa hɔ anadwo no na wosii nkaedum wɔ hɔ.
9 И другие двенадцать камней поставил Иисус среди Иордана на месте, где стояли ноги священников, несших ковчег завета Господня. Они там и до сего дня.
Yosua nso de abo dumien sii nkaedum wɔ Yordan mfimfini wɔ faako a na asɔfo a wɔso apam Adaka no gyinae no. Ɛwɔ hɔ de besi nnɛ.
10 Священники, несшие ковчег завета Господня, стояли среди Иордана, доколе не окончено было Иисусом все, что Господь повелел Иисусу сказать народу так, как завещал Моисей Иисусу; а народ между тем поспешно переходил.
Asɔfo a na wɔso adaka no gyinaa asu no mfimfini hɔ ara kosii sɛ wɔyɛɛ Awurade ahyɛde a ɔnam Mose so de maa Yosua no nyinaa. Saa bere no, nnipa no yɛɛ ntɛm twaa asu no koduu ne konkɔn so.
11 Когда весь народ перешел Иордан, тогда перешел и ковчег завета Господня, и священники пред народом;
Na bere a obiara duu asu no fa hɔ no, asɔfo no nso de Awurade adaka no twa kɔɔ hɔ bi.
12 и сыны Рувима и сыны Гада и половина колена Манассиина перешли вооруженные впереди сынов Израилевых, как говорил им Моисей.
Na akofo a wɔahyɛ wɔn akode a wofi Ruben abusuakuw mu, Gad abusuakuw mu ne Manase abusuakuw fa mu akofo no dii Israelfo no anim twaa Yordan sɛnea Mose kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ.
13 Около сорока тысяч вооруженных на брань перешло пред Господом на равнины Иерихонские, чтобы сразиться.
Saa akofo yi, na wɔn dodow bɛyɛ mpem aduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Wotwa kɔɔ Yeriko asase so wɔ Awurade anim.
14 В тот день прославил Господь Иисуса пред очами всего Израиля и стали бояться его, как боялись Моисея, во все дни жизни его.
Saa da no, Awurade yɛɛ Yosua kɛse wɔ Israelfo no nyinaa anim; na Yosua nna a aka no nyinaa, Israelfo de obu ne nidi maa no sɛnea wɔde obu ne nidi maa Mose no.
15 И сказал Господь Иисусу, говоря:
Na Awurade ka kyerɛɛ Yosua se,
16 прикажи священникам, несущим ковчег откровения, выйти из Иордана.
“Hyɛ asɔfo a Awurade apam adaka no so wɔn no sɛ, womfi nsubon no mu hɔ mmra.”
17 Иисус приказал священникам и сказал: выйдите из Иордана.
Enti, Yosua hyɛɛ wɔn.
18 И когда священники, несшие ковчег завета Господня, вышли из Иордана, то, лишь только стопы ног их ступили на сушу, вода Иордана устремилась по своему месту и пошла, как вчера и третьего дня, выше всех берегов своих.
Na bere a asɔfo a wɔso Awurade apam adaka no fii nsubon no mu ara pɛ na Asubɔnten Yordan san ka sram so tɛnn te sɛ kan no.
19 И вышел народ из Иордана в десятый день первого месяца и поставил стан в Галгале, на восточной стороне Иерихона.
Ɔsram a edi kan no da ɛto so du no nnipa no foro fii Yordan kɔbɔɔ atenae wɔ Gilgal, Yeriko apuei fam hye so.
20 И двенадцать камней, которые взяли они из Иордана, Иисус поставил в Галгале
Gilgal hɔ na Yosua boaa abo dumien a wɔde fi Asubɔnten Yordan mu bae no ano.
21 и сказал сынам Израилевым: когда спросят в последующее время сыны ваши отцов своих: “что значат эти камни?”,
Afei, Yosua ka kyerɛɛ Israelfo no se, “Daakye bi mo mma bebisa se, ‘Saa abo yi kyerɛ dɛn?’
22 скажите сынам вашим: “Израиль перешел чрез Иордан сей по суше”,
Na mo nso moaka akyerɛ wɔn se, ‘Ɛha ne beae a Israelfo twaa Yordan wɔ asase wosee so no.’
23 ибо Господь Бог ваш иссушил воды Иордана для вас, доколе вы не перешли его, так же, как Господь, Бог ваш, сделал с Чермным морем, которое иссушил Господь, Бог ваш, перед нами, доколе мы не перешли его,
Awurade, mo Nyankopɔn, maa asu no yowee wɔ mo anim, na ɔkɔɔ so ma ɛyowee ara kosii sɛ mo nyinaa twae, sɛnea ɔyɛɛ Po Kɔkɔɔ no. Ɔmaa no yowee ara kosii sɛ yɛn nyinaa twae.
24 дабы все народы земли познали, что рука Господня сильна, и дабы вы боялись Господа, Бога вашего, во все дни.
Ɔyɛɛ eyi sɛnea aman a wɔwɔ wiase nyinaa behu Awurade tumi na mo nso moasuro Awurade, mo Nyankopɔn, daa nyinaa.”

< Иисус Навин 4 >