< Књига пророка Данила 9 >

1 Прве године Дарија, сина Асвировог од племена мидског, који се зацари над царством халдејским,
Ahasweros babarima Dario (a nʼase fi Media) a wɔyɛɛ no ɔhene wɔ Babilonia ahenni so no,
2 Прве године његовог царовања ја Данило разумех из књига број година, које беше рекао Господ Јеремији пророку да ће се навршити развалинама јерусалимским, седамдесет година.
afe a edi kan no, me, Daniel, metee ase fii kyerɛwsɛm mu sɛnea Awurade de maa Odiyifo Yeremia se, Yerusalem bɛda mpan mfirihyia aduɔson.
3 И окретох лице своје ка Господу Богу тражећи Га молитвом и молбама с постом и с кострети и пепелом.
Ɛno nti, mifuraa atweaatam de nsõ yɛɛ me ho dii mmuada. Afei mede nkotosrɛ kɔɔ Awurade Nyankopɔn anim kɔbɔɔ mpae srɛe.
4 И помолих се Господу Богу свом и исповедајући се рекох: О Господе, Боже велики и страшни, који држиш завет и милост онима који Те љубе и држе заповести Твоје;
Mebɔɔ Awurade me Nyankopɔn mpae, na mepaee mu kae se: “Awurade, wo a wo so na woyɛ Onyankopɔn nwonwani! Wo a wudi ɔdɔ apam so—ɔdɔ apam a woayɛ ama wɔn a wɔdɔ wo na wodi wo mmara so.
5 Згрешисмо и зло чинисмо и бисмо безбожни, и одметнусмо се и одступисмо од заповести Твојих и од закона Твојих.
Yɛayɛ bɔne, na yɛayɛ mfomso. Yɛabɔ atirimɔden na yɛatew atua; yɛakwati wo mmara ne wʼahyɛde.
6 И не слушасмо слуга Твојих пророка, који говораху у Твоје име царевима нашим, кнезовима нашим и очевима нашим и свему народу земаљском.
Yɛantie wʼasomfo adiyifo a wɔkasaa wɔ wo din mu kyerɛɛ yɛn ahemfo ne ahenemma ne agyanom ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa.
7 У Тебе је, Господе, правда, а у нас срам на лицу, како је данас, у Јудејаца и у Јерусалимљана и у свих Израиљаца, који су близу и који су далеко по свим земљама куда си их разагнао за грехе њихове, којима Ти грешише.
“Awurade, woyɛ ɔtreneeni, nanso nnɛ de, yɛn anim agu ase, Yudafo ne Yerusalemfo ne Israelfo nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a wɔabɔ apansam. Esiane yɛn amumɔyɛ nti, yɛn anim agu ase.
8 Господе, у нас је срам на лицу, у царева наших, у кнезова наших и у отаца наших, јер Ти згрешисмо.
Awurade, aniwu aka yɛn ne yɛn ahemfo, ahenemma ne yɛn agyanom, efisɛ yɛayɛ bɔne atia wo.
9 У Господа је Бога нашег милост и праштање, јер се одметнусмо од Њега,
Ɛwɔ mu sɛ, yɛatew Awurade yɛn Nyankopɔn anim atua, nanso ɔyɛ ahummɔbɔ na ɔde bɔne kyɛ.
10 И не слушасмо глас Господа Бога свог да ходимо по законима Његовим, које нам је дао преко слуга својих пророка.
Yɛanyɛ osetie amma Awurade yɛn Nyankopɔn, na yɛanni ne mmara a ɔnam nʼasomfo adiyifo so de maa yɛn no so.
11 И сав Израиљ преступи закон Твој, и одступи да не слуша глас Твој; зато се изли на нас проклетство и заклетва написана у закону Мојсија, слуге Божијег, јер Му згрешисмо.
Israel nyinaa abu wo mmara so, na wɔafi ho a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ osetie ma wo. “Enti nnome ne atemmu a wɔaka ntam akyerɛw wɔ Onyankopɔn somfo Mose Mmara mu no, wɔahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ bɔne atia wo nti.
12 И Он потврди речи своје које је говорио за нас и за судије наше, које су нам судиле, пустивши на нас зло велико, да тако не би под свим небом како би у Јерусалиму.
Ɔhaw kɛse a wobɔɔ ho kɔkɔ sɛ wobɛyɛ atia yɛn ne yɛn ahemfo no, woayɛ. Ɔsoro ase nyinaa, biribiara nsii sɛnea asi wɔ Yerusalem no bi da.
13 Како је писано у закону Мојсијевом, све то зло дође на нас, и опет се не молисмо Господу Богу свом да бисмо се вратили од безакоња свог и пазили на истину Твоју.
Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose mmara mu no, saa amanehunu yi nyinaa aba yɛn so, nanso yɛnhwehwɛɛ Awurade yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunu, sɛ yebefi yɛn bɔne ho na yɛapɛ nokware akyi kwan.
14 И Господ наста око зла и наведе га на нас; јер је праведан Господ Бог наш у свим делима својим која чини, јер не слушасмо глас Његов.
Awurade antwentwɛn sɛ ɔde amanehunu no bɛba yɛn so, efisɛ Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ pɛ wɔ biribiara a ɔyɛ mu, nanso yɛanyɛ osetie amma no.
15 Али сада, Господе Боже наш, који си извео народ свој из земље мисирске руком крепком, и стекао си себи име, како је данас, згрешисмо, безбожни бисмо.
“Awurade yɛn Nyankopɔn, wo a wode nsa a ɛyɛ den yii wo nkurɔfo fii Misraim, de gyee din a atena hɔ abesi nnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛayɛ mfomso.
16 Господе, по свој правди Твојој нека се одврати гнев Твој и јарост Твоја од града Твог Јерусалима, свете горе Твоје; јер са греха наших и с безакоња отаца наших Јерусалим и Твој народ поста руг у свих који су око нас.
Awurade, sɛnea wo trenee nneyɛe nyinaa te no nti, yi wʼabufuw ne wʼanibere fi wo kuropɔn Yerusalem ne wo bepɔw kronkron no so. Esiane yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumɔyɛ nti, nnipa a wɔatwa Yerusalem ho ahyia no nyinaa di Yerusalem ne wo nkurɔfo ho fɛw.
17 Сада дакле послушај, Боже наш, молитву слуге свог и молбе његове, и обасјај лицем својим опустелу светињу своју, Господа ради.
“Na afei yɛn Nyankopɔn, tie wʼakoa mpaebɔ, ne ne nkotosrɛ. Wo nti, Awurade, tew wʼanim bio kyerɛ wo kronkronbea hɔ a agyigya no.
18 Боже мој, пригни ухо своје, и чуј; отвори очи своје, и види пустош нашу и град, на који је призвано име Твоје, јер не ради своје правде него ради милости Твоје падамо пред Тобом молећи се.
Yɛ aso, me Nyankopɔn na tie; bue wʼani, na hwɛ kuropɔn a wo Din da so a agyigya no. Ɛnyɛ yɛn trenee nti na yɛde yɛn nkotosrɛ aba wʼanim, na mmom ɛyɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe no nti.
19 Господе услиши, Господе опрости, Господе пази и учини, не часи себе ради Боже мој, јер је Твоје име призвано на овај град и на Твој народ.
Awurade, tie! Awurade, fa kyɛ! Awurade, tie na yɛ! Wo nti, me Nyankopɔn, ntwentwɛn wʼanan ase, efisɛ wo Din da wo kuropɔn ne wo nkurɔfo so.”
20 А док ја још говорах и мољах се и исповедах грех свој и грех народа свог Израиља, и падах молећи се пред Господом Богом својим за свету гору Бога свог,
Bere a merekasa na merebɔ mpae, na mereka me ne me nkurɔfo Israelfo bɔne akyerɛ, na mede mʼadesrɛ reto Awurade me Nyankopɔn anim ama ne bepɔw kronkron no,
21 Док још говорах молећи се, онај човек Гаврило, ког видех пре у утвари, долете брзо и дотаче ме се о вечерњој жртви.
na migu so rebɔ mpae no, Gabriel a mihuu no kan anisoadehu mu no de ahoɔhare baa me nkyɛn bɛyɛ anwummere afɔrebɔ bere mu.
22 И научи ме и говори са мном и рече: Данило, сада изиђох да те уразумим.
Ɔkyerɛkyerɛɛ me se, “Daniel, maba ha sɛ merebrɛ wo nhumu ne ntease.
23 У почетку молитве твоје изиђе реч, и ја дођох да ти кажем, јер си мио; зато слушај реч, и разуми утвару.
Wufii ase sɛ worebɔ mpae pɛ no, mmuae bae, na maba sɛ merebɛka akyerɛ wo, efisɛ, wobu wo yiye. Enti dwene asɛm no ho na te anisoadehu no ase.
24 Седамдесет је недеља одређено твом народу и твом граду светом да се сврши преступ и да нестане греха и да се очисти безакоње и да се доведе вечна правда, и да се запечати утвара и пророштво, и да се помаже Свети над светима.
“‘Mmere aduɔson ahorow ason’ na wɔahyɛ ama wo nkurɔfo ne wo kuropɔn kronkron no sɛ wɔmfa nnyae mmarato, na wontwa bɔneyɛ so, na wɔmpata atirimɔden, na trenee a to ntwa da mmra, na wɔnsɔw anisoadehu ne nkɔmhyɛ ano, na wɔnsra Kronkron mu Kronkronbea hɔ ngo.
25 Зато знај и разуми: Откада изиђе реч да се Јерусалим опет сазида до помазаника војводе биће седам недеља, и шездесет и две недеље да се опет пограде улице и зидови, и то у тешко време.
“Tie na te eyi ase: Efi bere a asɛm no bɛkɔ ama wɔasi Yerusalem ayɛ no foforo, kosi sɛ Nea Wɔasra no Ngo no bɛba no bɛyɛ mmere ason ahorow ‘ason’, ne aduosia abien ahorow ‘ason.’ Wobeyiyi mmorɔn ne akwan na wɔayɛ bammɔ a ɛyɛ den, nanso ɛbɛyɛ ahohiahia bere mu.
26 А после те шездесет и две недеље погубљен ће бити помазаник и ништа му неће остати; народ ће војводин доћи и разорити град и светињу; и крај ће му бити с потопом, и одређено ће пустошење бити до свршетка рата.
Mmere aduosia abien ahorow ason akyi no, wobekum Nea Wɔasra no ngo no a wɔrennya ne ho asɛm biara. Ɔhene a ɔbɛba no nkurɔfo bɛba abɛsɛe kuropɔn ne kronkronbea no. Awiei no bɛba sɛ nsuyiri, na ɔko ne mu ahoyeraw bɛba akosi awiei sɛnea wɔahyɛ no.
27 И утврдиће завет с многима за недељу дана, а у половину недеље укинуће жртву и принос; и крилима мрским, која пустоше, до свршетка одређеног излиће се на пустош.
Ɔbɛhoro ɔno ne nnipa bebree ntam apam so dua wɔ mmere ‘ason’ baako mu. Na mmere ‘ason’ no mfimfini no, obegyae afɔrebɔ ne ayɛyɛdema. Obedua abusude a ɛde ɔsɛe bɛba wɔ asɔredan no mu, kosi sɛ awiei a wɔahyɛ no behwie agu ne so.”

< Књига пророка Данила 9 >