< Apostolska dela 11 >

1 Slišali pa so aposteljni in bratje, kteri so bili v Judeji, da so tudi pogani sprejeli besedo Božjo.
Asomafoɔ ne agyidifoɔ a wɔwɔ Yudea nyinaa tee sɛ amanamanmufoɔ no nso agye Onyankopɔn asɛm no adi.
2 In ko je prišel Peter v Jeruzalem, prepirali so se z njim, kteri so bili iz obreze,
Petro kɔɔ Yerusalem no, Yudafoɔ agyidifoɔ no ne no nyaa akasakasa kaa sɛ,
3 Govoreč: K možém neobrezanim si šel, in jedel si ž njimi.
“Woakɔ wɔn a wɔnnyɛ twetiatwafoɔ no nkyɛn ne wɔn akɔdidi.”
4 Peter pa začne, in izkladal jim je po vrsti, govoreč:
Petro bɔɔ wɔn biribiara a ɛsii no ho amaneɛ sɛ,
5 Jaz sem v mestu Jopi molil, in videl sem v zamaknenji prikazen, da je shajala nekaka posoda, kakor velik prt, in se je za čvetere ogle spuščala z neba, in prišla noter do mene.
“Na merebɔ mpaeɛ wɔ Yopa na menyaa anisoadehunu. Mehunuu biribi a ɛte sɛ ntoma kɛseɛ a wɔakyekyere nʼafannan sɛ ɛfiri ɔsoro resiane ba fam reba abɛsi me ho.
6 In pogledavši va-njo, opazim in ugledam štirinogate in divje in lazeče živali zemlje, in tice nebeške.
Mehwɛɛ mu no, mehunuu ntɔteboa ahodoɔ, mmoa a wɔwea ne wiram nnomaa.
7 In zaslišim glas, da mi pravi: Vstani, Peter, zakolji in jej!
Afei, nne bi ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Petro! Sɔre! Kum na we!’
8 In rekel sem; Nikakor ne, Gospod! kajti nagnjusnega ali nečistega ni nikoli nič prišlo v usta moja.
“Mebuaa sɛ, ‘Dabi, Awurade! Mennii biribiara a ɛho nteɛ da.’
9 Odgovorí pa mi glas v drugo z neba: Kar je Bog očistil, ne imej ti za nagnjusno.
“Ɛnne no ka kyerɛɛ me bio sɛ, ‘Biribiara a Onyankopɔn ate ho no, nka sɛ ɛho nte.’
10 To pa se je zgodilo trikrat, in zopet se je potegnilo vse na nebo.
Saa anisoadehunu yi baa mprɛnsa, na ɛsane kɔɔ ɔsoro.
11 In glej, precej se trije možjé postavijo pred hišo, v kterej sem bil, poslani iz Cezareje k meni.
“Saa ɛberɛ no ara mu, nnipa baasa a wɔasoma wɔn firi Kaesarea no bɛduruu efie a na mete mu no mu.
12 In reče mi Duh, naj grem brez pomišljevanja ž njimi. Prišlo je pa z menoj tudi tehle šest bratov, in vstopili smo v hišo moževo.
Honhom Kronkron ka kyerɛɛ me sɛ, menntwentwɛn me nan ase na me ne wɔn nkɔ. Saa agyidifoɔ baasa yi a wɔfiri Yopa no kaa me ho kɔɔ Kaesarea maa yɛn nyinaa kɔɔ Kornelio efie.
13 In povedal nam je, kako je videl angelja v hiši svojej, da je pristopil in mu rekel: Pošlji v Jopo móž, in pokliči Simona s priimkom Petra,
Ɔkaa sɛdeɛ ɔhunuu ɔsoro ɔbɔfoɔ wɔ ne fie maa ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Soma kɔ Yopa kɔfrɛ ɔbarima bi a ne din de Simon Petro no.
14 Kteri ti bo govoril besede, po kterih se boš zveličal ti in vsa hiša tvoja.
Ɔno na ɔbɛka nsɛm a ɛbɛgye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa akyerɛ mo.’
15 Ko sem pa jel govoriti, pade sveti Duh na-nje, kakor tudi na nas v začetku.
“Ɛberɛ a mehyɛɛ aseɛ kasaeɛ no, Honhom Kronkron baa wɔn so sɛdeɛ yɛn nso ahyɛaseɛ no, ɛbaa yɛn so no ara pɛ.
16 Tedaj sem se spomenil besede Gospodove, kakor je povedal: "Janez sicer je krstil z vodo, ali vi se boste krstili z Duhom svetim."
Ɛhɔ ara mekaee asɛm a Awurade kaa sɛ, ‘Yohane de nsuo na ɛbɔɔ asu na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu’ no.
17 Ko jim je torej Bog dal ravno ta dar, kakor tudi nam, kteri smo verovali v Gospoda Jezusa Kristusa: kdo pa sem bil jaz, da bi bil mogel Bogu zabraniti?
Sɛ Onyankopɔn ama wɔn akyɛdeɛ a ɛberɛ a yɛgyee Awurade Yesu Kristo diiɛ no ɔmaa yɛn bi no a, ɛnneɛ me sɛɛ ne hwan a mɛsi Onyankopɔn kwan.”
18 Ko so pa to slišali, umolknili so, in slavili so Boga, govoreč: Torej tudi poganom je Bog dal pokoro za življenje.
Wɔtee saa asɛm yi no, wɔgyaee wɔn nsɛmmisa no yii Awurade ayɛ sɛ, “Afei, deɛ Onyankopɔn ama ho kwan ama amanamanmufoɔ anya adwensakyera a ɛde wɔn bɛkɔ nkwagyeɛ mu.”
19 Ti pa, kteri so se bili razkropili za voljo stiske, ktera je nastala za Štefana, prišli so noter do Fenicije, nikomur ne govoreč besede, razen samo Judom.
Wɔkumm Stefano no, wɔtaa agyidifoɔ no maa wɔbɔ hweteeɛ, Wɔn mu bi kyinkyini kɔduruu Foinike, ne Kipro, ne Antiokia a na wɔreka asɛmpa no kyerɛ Yudafoɔ nko ara.
20 Bili so pa nekteri od njih možjé Ciprani in Cirenci, kteri so, ko so bili prišli v Antijohijo, govorili tudi Grkom, in oznanjevali Gospoda Jezusa.
Agyidifoɔ bi a wɔfiri Kipro ne Kirene kɔɔ Antiokia kɔkaa asɛmpa a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho no kyerɛɛ amanamanmufoɔ no.
21 In bila je roka Gospodova ž njimi; in veliko število jih je verovalo in izpreobrnilo se h Gospodu.
Esiane sɛ na Awurade ka wɔn ho no enti, nnipa pii gyee asɛm no diiɛ maa wɔdane baa Awurade nkyɛn.
22 In prišel je glas o tem do ušes cerkve, ktera je bila v Jeruzalemu; in poslali so Barnaba, naj odide do Antijohije.
Saa asɛm yi trɛ kɔduruu Yerusalem asafo no mu enti, wɔsomaa Barnaba kɔɔ Antiokia.
23 Ta, ko je prišel, in je videl milost Božjo, oveselil se je, in prosil je vse, naj s stanovitnim srcem ostanejo v Gospodu.
Ɔduruu hɔ a ɔhunuu sɛdeɛ Onyankopɔn ahyira wɔn no, nʼani gyeeɛ maa ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ, wɔmfiri wɔn akoma nyinaa mu nnye Awurade nni na wɔnni no nokorɛ nso.
24 Kajti bil je mož dober in poln Duha svetega in vere. In pridružilo se je veliko ljudstva Gospodu.
Esiane sɛ na Barnaba yɛ onipa pa a Honhom Kronkron ahyɛ no ma na ɔwɔ gyidie enti, ɛmaa nnipa bebree nam ne so de wɔn ho maa Awurade.
25 Tedaj izide Barnaba v Tars iskat Savla; in ko ga je našel, pripelje ga v Antijohijo.
Barnaba kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo.
26 In zbirala sta se celo leto v cerkvi, in učila sta dosti ljudstva, in imenovali so se učenci najprej v Antijohiji Kristjani.
Ɔhunuu no no, ɔde no baa Antiokia. Wɔn baanu tenaa hɔ afe, kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree. Antiokia ha na wɔtoo asuafoɔ no din sɛ “Akristofoɔ.”
27 V te dní so pa prišli iz Jeruzalema preroki v Antijohijo.
Saa ɛberɛ korɔ yi ara mu, adiyifoɔ bi firi Yerusalem kɔɔ Antiokia.
28 In vstavši eden od njih po imenu Agab, oznani po Duhu, da bo lakota velika po vsem svetu; ktera je tudi bila za Klavdija cesarja.
Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Agabo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no sɔre gyina hyɛɛ nkɔm sɛ, ɛkɔm kɛseɛ bɛba asase nyinaa so. Saa ɛkɔm yi sii ɛberɛ a na Klaudio di adeɛ no.
29 Tedaj učenci, vsak po zmožnosti svojej, sklenejo v pomoč poslati bratom, kteri so prebivali v Judeji;
Asuafoɔ no yɛɛ adwene sɛ biribiara a obi wɔ no wɔde bɛba na wɔde akɔboa anuanom a wɔwɔ Yudea no.
30 Kar so tudi storili, poslavši starešinam po roki Barnabovej in Savlovej.
Akyɛdeɛ a wɔn nsa kaeɛ no, wɔde somaa Barnaba ne Saulo maa wɔde kɔmaa asafo no mu mpanimfoɔ.

< Apostolska dela 11 >