< Daniel 5 >

1 Mfe bebree akyi no, Ɔhene Belsasar too pon kɛse maa ne mpanyimfo apem, na ɔne wɔn nom nsa.
Belshazzar the king made a great feast to a thousand of his lords, and drank wine before the thousand.
2 Bere a nsa no ama Belsasar ani agye no, ɔhyɛe sɛ, wɔmfa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuruwa a nʼagya Nebukadnessar tase fii Yerusalem asɔredan mu no mmra, sɛnea ɔne ne mpanyimfo, ne yerenom ne ne mpenanom bɛnom mu nsa.
Belshazzar, while he tasted the wine, commanded to bring the golden and silver vessels which Nebuchadnezzar his father had taken out of the temple which was in Jerusalem; that the king and his lords, his wives and his secondary wives, might drink from them.
3 Enti ɔde saa sikakɔkɔɔ nkuruwa a wɔtase fii Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem mu no bae, na ɔhene no ne ne mpanyimfo, ne yerenom ne ne mpenanom nom mu nsa.
Then they brought the gold and silver vessels that were taken out of the temple of the house of God which was at Jerusalem; and the king and his lords, his wives and his secondary wives, drank from them.
4 Wɔrenom nsa no, wɔkamfoo wɔn ahoni a wɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dade, dua ne abo ayɛ no.
They drank wine, and praised the gods of gold, and of silver, of bronze, of iron, of wood, and of stone.
5 Amono mu hɔ no ara, wohui sɛ, onipa nsateaa rekyerɛw ɔhene ahemfi fasu no a ɛbɛn kaneadua no ho. Ɔhene no hwɛɛ nsa a ɛrekyerɛw no,
In the same hour came forth the fingers of a man's hand, and wrote over against the lampstand on the plaster of the wall of the king's palace: and the king saw the part of the hand that wrote.
6 na ehu maa nʼanim danee. Sɛnea ɔbɔɔ hu no maa ne kotodwe keka bobɔɔ mu, na ne nan mu yɛɛ mmrɛw.
Then the king's face was turned pale, and his thoughts troubled him; and the joints of his thighs gave way, and his knees began knocking together.
7 Ɔhene no teɛɛ mu frɛɛ se wɔmfa pɛadeahufo, Kaldeafo ne ntafowayifo mmra nʼanim. Ɔka kyerɛɛ saa Babilonia anyansafo yi se, “Obiara a obetumi akenkan nkyerɛw yi, akyerɛ me ase no, wobefura no ɔtamkɔkɔɔ a ɛyɛ adehye abasobɔde, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu. Ɔno na ɔbɛyɛ ɔman sodifo a ɔto so abiɛsa wɔ ahemman yi mu.”
The king cried aloud to bring in the enchanters, the Chaldeans, and the diviners. The king spoke and said to the wise men of Babylon, "Whoever shall read this writing, and show me its interpretation, shall be clothed with purple, and have a chain of gold about his neck, and shall be the third ruler in the kingdom."
8 Nanso ɔhene no anyansafo no bae no, wɔn mu biara antumi ankenkan nkyerɛw no, ankyerɛ ase amma ɔhene no.
Then came in all the king's wise men; but they could not read the writing, nor make known to the king the interpretation.
9 Enti ɛmaa ɔhene no ho yeraw no yiye, na nʼanim sesae. Nʼabirɛmpɔn nso ho yeraw wɔn.
Then was king Belshazzar greatly troubled, and his face turned pale, and his lords were perplexed.
10 Na bere a Ɔhemmea no tee ɔhene ne ne mpanyimfo nteɛteɛmu no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ apontodan mu hɔ. Ɔka kyerɛɛ Belsasar se, “Nana nkwa so! Nana, nsuro na mma wʼanim nsesa!
Now the queen by reason of the words of the king and his lords came into the banquet house. The queen spoke and said, "O king, live forever; do not let your thoughts trouble you, nor let your face be changed.
11 Ɔbarima bi wɔ wʼahenni mu ha a ɔwɔ anyame kronkron honhom wɔ ne mu. Wʼagya Nebukadnessar adedi mu no, wohuu sɛ, saa ɔbarima yi wɔ ntease nhumu ne nyansa te sɛ anyame no. Wʼagya Nebukadnessar sii no panyin wɔ nkonyaayifo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne ntafowayifo so wɔ Babilonia.
There is a man in your kingdom, in whom is the spirit of the holy gods; and in the days of your father light and understanding and wisdom, like the wisdom of the gods, were found in him; and king Nebuchadnezzar your father, your father the king, made him chief of the magicians, enchanters, Chaldeans, and diviners;
12 Saa ɔbarima Daniel yi a ɔhene too no din Beltesasar yi adwene mu dɔ, na Onyankopɔn ho nimdeɛ ne ntease ahyɛ no ma. Otumi kyerɛ dae ne kasanyansa ase, na nsɛm a ɛkyere adwene no, ɔsan mu. Momfrɛ Daniel na ɔbɛkyerɛ mo nkyerɛw no ase.”
because an extraordinary spirit, and knowledge, and understanding to interpret dreams, explain riddles, and solve knotty problems were found in this Daniel, whom the king named Belteshazzar. Now let Daniel be called, and he will show the interpretation."
13 Enti wɔkɔfaa Daniel baa ɔhene anim. Ɔhene no bisaa no se, “Wone Daniel no a mʼagya Nebukadnessar faa wo nnommum de wo fii Yuda bae no?
Then was Daniel brought in before the king. The king spoke and said to Daniel, "Are you that Daniel, who are of the children of the captivity of Judah, whom the king my father brought out of Judah?
14 Mate wo nka sɛ, wowɔ anyame honhom wɔ wo mu, na ntease, nhumu ne nyansa ahyɛ wo ma.
I have heard of you, that the spirit of the gods is in you, and that light and understanding and extraordinary wisdom are found in you.
15 Wɔde anyansafo ne pɛadeahufo baa mʼanim sɛ wɔbɛkenkan nkyerɛw a egu ɔfasu yi ho yi na wɔnkyerɛ me ase, nanso wɔantumi.
Now the wise men, the enchanters, have been brought in before me, that they should read this writing, and make known to me its interpretation; but they could not show the interpretation of the thing.
16 Na mate wo nka sɛ wutumi kyerɛ nsɛm ase; na wosan nsɛm a ɛkyere adwene mu. Na sɛ wutumi kenkan nkyerɛw a ɛwɔ ɔfasu yi ho na wokyerɛ me ase a, wobefura wo ɔtamkɔkɔɔ a ɛyɛ adehye abasobɔde, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban begu wo kɔn mu. Na wobɛyɛ ɔman sodifo a ɔto so abiɛsa wɔ ahemman yi mu.”
But I have heard of you, that you can give interpretations, and solve problems. Now if you can read the writing, and make known to me its interpretation, you shall be clothed with purple, and have a chain of gold about your neck, and shall be the third ruler in the kingdom."
17 Daniel buaa ɔhene no se, “Nana, mesrɛ, ma wʼakyɛde no ntena hɔ na fa wʼabasobɔde no ma obi foforo. Nanso, Nana, mɛkenkan nkyerɛw no, na makyerɛ wo ase.
Then Daniel answered before the king, "Keep your gifts for yourself, and give your rewards to another; Nevertheless I will read the writing to the king, and make known to him the interpretation.
18 “Nana, Ɔsorosoro Nyankopɔn maa wʼagya Nebukadnessar kɛseyɛ, anuonyam ne nidi.
You king, the Most High God gave Nebuchadnezzar your father the kingdom, and greatness, and glory, and majesty.
19 Ɔyɛɛ no kɛse ara kosii sɛ, nnipa ahorow nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara du nʼanim a, wɔn ho popo biribiribiri. Okunkum wɔn a ɔpɛ sɛ okunkum wɔn, na ogyaa wɔn a ɔpɛ sɛ ogyaa wɔn. Ɔhyɛɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn anuonyam no anuonyam, na wɔn a ɔpɛ sɛ ɔbrɛ wɔn ase no, ɔbrɛɛ wɔn ase.
And because of the greatness that he gave him, all the peoples, nations, and languages trembled and feared before him. Whom he would he killed, and whom he would he kept alive; and whom he would he raised up, and whom he would he put down.
20 Nanso ahomaso maa ne koma ne nʼadwene yɛɛ den no, woyii no fii nʼahengua so, sii no fam, gyee nʼanuonyam no.
But when his heart was lifted up, and his spirit was hardened so that he dealt proudly, he was removed from his kingly throne, and they took his glory from him.
21 Wɔpam no fii nnipa mu. Wɔmaa no aboa adwene, na ɔne wuram mmoa tenae. Ɔwee sare te sɛ nantwi, na ɔsoro bosu fɔw no fɔkyee kosii sɛ, afei ohui sɛ, sɛɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn na odi wiase ahemman nyinaa so, na ɔno ara nso na oyi obi a ɔpɛ ma odi so.
And he was driven from the sons of men, and his mind was made like the animals', and his dwelling was with the wild donkeys. He was fed with grass like oxen, and his body was wet with the dew of the sky; until he knew that the Most High God rules in the kingdom of men, and that he sets up over it whomever he wants.
22 “Nanso wo, ne ba Belsasar, wunim eyinom nyinaa, nanso woammrɛ wo ho ase.
You his son, Belshazzar, have not humbled your heart, though you knew all this,
23 Woama wo ho so atia Ɔsoro Awurade mmom. Woafa saa nkuruwa yi a esisi wʼanim a wɔfa fii nʼasɔredan mu no. Wo ne wʼatitiriw ne wo yerenom ne wo mpenanom anom mu nsa, bere a morekamfo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere, dade, dua ne ɔbo anyame a wonhu ade, na wɔnnte asɛm, na wonnim hwee koraa no. Na moamfa nidi amma Onyankopɔn a okura mo nkwa na odi mo nkrabea so no.
but have lifted up yourself against the Lord of heaven. And they have brought the vessels of his house before you, and you and your lords, your wives and your secondary wives, have drunk wine from them. And you have praised the gods of silver and gold, of bronze, iron, wood, and stone, which do not see, nor hear, nor know. And the God in whose hand your breath is, and whose are all your ways, you have not glorified.
24 Ne saa nti, Onyankopɔn asoma nsa yi sɛ, ɛmmɛkyerɛw nkra yi.
Then was the part of the hand sent from before him, and this writing was inscribed.
25 “Nkra a, ɛkyerɛwee ni: Mene, Mene, Tekel, Parsin.
This is the writing that was inscribed: MENE, MENE, TEKEL, UPHARSIN.
26 “Saa nsɛm yi nkyerɛase ni: “‘Mene’ nkyerɛase ne wɔakan. Onyankopɔn akan wʼahenni nna a aka na watwa so de aba nʼawiei.
This is the interpretation of the thing: MENE; God has numbered your kingdom, and brought it to an end;
27 “‘Tekel’ nkyerɛase ne: wɔakari. Wɔakari wo wɔ nsania so, nanso woantumi sɔhwɛ no.
TEKEL; you are weighed in the balances, and are found wanting.
28 “‘Parsin’ nkyerɛase ne: wɔakyekyɛ mu. Wɔakyekyɛ wʼahenni mu ama Mediafo ne Persiafo.”
PERES; your kingdom is divided, and given to the Medes and Persians."
29 Afei Belsasar ma wofuraa Daniel ɔtamkɔkɔɔ a ɛyɛ adehye abasobɔde, de sikakɔkɔɔ ntweaban guu ne kɔn mu. Wɔsoaa no sɛ, ɔman sodifo a ɔto so abiɛsa wɔ ahemman no mu.
Then commanded Belshazzar, and they clothed Daniel with purple, and put a chain of gold about his neck, and made proclamation concerning him, that he should be the third ruler in the kingdom.
30 Saa anadwo no ara, wokum Babiloniahene Belsasar.
In that night Belshazzar the Chaldean King was slain.
31 Na Dario a ofi Mede faa ahenni no, na wadi mfirihyia aduosia abien.
Daryavesh the Mede received the kingdom, being about sixty-two years old.

< Daniel 5 >