< Yeremia 35 >

1 Eyi ne asɛm a efi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ wɔ bere a na Yudahene Yosia babarima Yehoiakim di ade no:
The word which came to Jeremiah from Jehovah in the days of Jehoiakim the son of Josiah, king of Judah, saying,
2 “Kɔ Rekabfo abusua no nkyɛn, na to nsa frɛ wɔn na wɔmmra Awurade fi no pia baako mu, na ma wɔn nsa nnom.”
"Go to the house of the Rechabites, and speak to them, and bring them into the house of Jehovah, into one of the rooms, and give them wine to drink."
3 Enti mekɔpɛɛ Habasinia babarima Yeremia babarima Yaasania ne ne nuabarimanom ne ne mmabarima nyinaa, Rekabfo abusuadɔm no.
Then I took Jaazaniah the son of Jeremiah, the son of Habazziniah, and his brothers, and all his sons, and the whole house of the Rechabites.
4 Mede wɔn baa Awurade fi, na mede wɔn kɔɔ Onyame nipa Yigdalia babarima Hanan mmabarima dan mu. Ɛno na edi adwumayɛfo dan a esi ɔpon ano hwɛfo Salum babarima Maaseia dan atifi no so.
And I brought them into the house of Jehovah, into the room of the sons of Hananiah son of Gedaliah, the man of God, which was by the room of the officials, which was above the room of Maaseiah the son of Shallum, the keeper of the threshold.
5 Afei mede nkuruwa ne nkora a nsa wɔ mu besisii Rekabfo abusuamma no anim na meka kyerɛɛ wɔn se, “Monnom nsa kakra.”
I set before the sons of the house of the Rechabites bowls full of wine, and cups; and I said to them, "Drink wine."
6 Nanso wobuae se, “Yɛnnnom nsa, efisɛ yɛn nena Rekab babarima Yehonadab maa yɛn ɔhyɛ nsɛm yi se, ‘Ɛnsɛ sɛ mo anaa mo asefo nom nsa.
But they said, "We will drink no wine; for Jonadab the son of Rechab, our father, commanded us, saying, 'You shall drink no wine, neither you, nor your sons, forever:
7 Na afei ɛnsɛ sɛ musisi afi, mudua anaa moyɛ bobe nturo, ɛnsɛ sɛ moyɛ eyinom mu biara, na mmom montena ntamadan mu bere biara. Ɛno na mo nkwanna bɛware, wɔ asase a moyɛ atutenafo wɔ so no so.’
neither shall you build house, nor sow seed, nor plant vineyard, nor have any; but all your days you shall dwell in tents; that you may live many days in the land in which you live.'
8 Yɛatie biribiara a yɛn nena Rekab babarima Yonadad hyɛɛ yɛn no. Na yɛn, yɛn yerenom, mmabarima ne mmabea nnom nsa da
We have obeyed the voice of Jonadab the son of Rechab, our father, in all that he commanded us, to drink no wine all our days, we, our wives, our sons, or our daughters;
9 na yensisii afi ntenaa mu anaa yennyaa bobe nturo anaa mfuw anaa nnɔbae.
nor to build houses for us to dwell in; neither have we vineyard, nor field, nor seed:
10 Yɛatenatena ntamadan mu, na yɛadi biribiara a yɛn nena Yehonadab hyɛɛ yɛn no so pɛpɛɛpɛ.
but we have lived in tents, and have obeyed, and done according to all that Jonadab our father commanded us.
11 Nanso bere a Babiloniahene Nebukadnessar tuu asase yi so sa no, yɛkae se, ‘Mommra, ɛsɛ sɛ yɛkɔ Yerusalem na yeguan fi Babiloniafo ne Aramfo asraafo anim.’ Ɛno nti yɛaka Yerusalem.”
But it happened, when Nebuchadnezzar king of Babylon came up into the land, that we said, 'Come, and let us go to Jerusalem for fear of the army of the Chaldeans, and for fear of the army of the Arameans'; so we dwell at Jerusalem."
12 Afei Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se,
Then came the word of Jehovah to Jeremiah, saying,
13 “Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se: Kɔ na kɔka kyerɛ mmarima a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem se, ‘Morensua biribi na morentie mʼasɛm ana?’ Awurade na ose.
"Thus says Jehovah of hosts, the God of Israel: 'Go, and tell the men of Judah and the inhabitants of Jerusalem, "Will you not receive instruction to listen to my words?" says Jehovah.
14 ‘Rekab ba Yehonadab hyɛɛ ne mmabarima sɛ wɔnnom nsa, na wɔadi saa ɔhyɛ yi so. De besi nnɛ wɔnnom nsa, efisɛ wodi wɔn agyanom ahyɛde so. Na makasa akyerɛ mo mpɛn bebree, nanso muntiee me.
"The words of Jonadab the son of Rechab, that he commanded his sons, not to drink wine, are performed; and to this day they drink none, for they obey their father's commandment: but I have spoken to you, rising up early and speaking; and you have not listened to me.
15 Mesomaa mʼasomfo adiyifo nyinaa baa mo nkyɛn mpɛn bebree. Wɔkae se, “Ɛsɛ sɛ mo mu biara sakra fi nʼamumɔyɛ akwan so, na moma mo akwan teɛ; munnni anyame foforo akyi na monnsom wɔn. Ɛno na mobɛtena asase a mede ama mo ne mo agyanom yi so.” Nanso mummmuaa me na munntiee me ɛ.
I have sent also to you all my servants the prophets, rising up early and sending them, saying, 'Return now every man from his evil way, and amend your doings, and do not go after other gods to serve them, and you shall dwell in the land which I have given to you and to your fathers': but you have not inclined your ear, nor listened to me.
16 Rekab babarima Yehonadab asefo adi ahyɛde a wɔn agyanom de maa wɔn no so, nanso saa nnipa yi ntie mʼasɛm.’
Because the sons of Jonadab the son of Rechab have performed the commandment of their father which he commanded them, but this people has not listened to me;
17 “Ɛno nti, sɛɛ na Asafo Awurade Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no se: ‘Muntie! Mede amanehunu biara a mahyɛ ama Yuda ne obiara a ɔte Yerusalem no bɛba wɔn so. Mekasa kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantie, mefrɛɛ wɔn nanso wɔannye so.’”
therefore thus says Jehovah, the God of hosts, the God of Israel: 'Look, I will bring on Judah and on all the inhabitants of Jerusalem all the disaster that I have pronounced against them; because I have spoken to them, but they have not listened; and I have called to them, but they have not answered.'"'"
18 Afei Yeremia ka kyerɛɛ Rekab abusua no se, “Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se: ‘Moayɛ osetie ama mo nena Yehonadab ahyɛde no, na moadi ne nkyerɛkyerɛ so, na moayɛ biribiara a ɔhyɛɛ mo no.’
Jeremiah said to the house of the Rechabites, "Thus says Jehovah of hosts, the God of Israel: 'Because you have obeyed the commandment of Jonadab your father, and kept all his precepts, and done according to all that he commanded you';
19 Ɛno nti, nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: ‘Rekab babarima Yehonadab benya ɔbarima a ɔbɛsom me bere biara.’”
therefore thus says Jehovah of hosts, the God of Israel: 'Jonadab the son of Rechab shall not want a man to stand before me forever.'"

< Yeremia 35 >