< Nnwom 101 >

1 Dawid Dwom. Mɛto wo dɔ ne wo trenee ho nnwom; Awurade, mɛto ayeyi nnwom ama wo. 2 Mɛhwɛ yiye abu ɔbra a ho tew; da bɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede koma a afɔdi nni mu bɛhwɛ me fi so. 3 Merennye ade a ɛyɛ tan biara nto mu. Mikyi nnipa a wonni gyidi nneyɛe; meremfa me ho mmata ho. 4 Nnipa a wɔn koma yɛ kɔntɔnkye remmɛn me; me ne bɔne nni hwee yɛ. 5 Obiara a odi ne yɔnko ho nseku wɔ kokoa mu no, ɔno na mɛsɛe; nea ɔwɔ ahantan ani ne ahomaso koma, ɔno na merennyigye no so. 6 Mʼani bɛkɔ anokwafo a wɔwɔ asase no so no so na me ne wɔn atena; nea ne nantew ho nni asɛm no ɔno na ɔbɛsom me. 7 Nea ɔyɛ ɔdaadaafo biara rentena me fi; nea otwa nkontompo no rennyina mʼanim. 8 Adekyee biara, mɛsɛe amumɔyɛfo a wɔwɔ asase yi so nyinaa; na mapam ɔdebɔneyɛni biara afi Awurade kuropɔn mu.

< Nnwom 101 >