< Nnwom 67 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto. Dwom. Onyankopɔn nnom yɛn na onhyira yɛn ɔmma nʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so,
לַמְנַצֵּ֥ח בִּנְגִינֹ֗ת מִזְמֹ֥ור שִֽׁיר׃ אֱלֹהִ֗ים יְחָנֵּ֥נוּ וִֽיבָרְכֵ֑נוּ יָ֤אֵ֥ר פָּנָ֖יו אִתָּ֣נוּ סֶֽלָה׃
2 na ɔmma wonhu nʼakwan wɔ asase so, ne ne nkwagye wɔ amanaman no nyinaa mu.
לָדַ֣עַת בָּאָ֣רֶץ דַּרְכֶּ֑ךָ בְּכָל־גֹּ֝ויִ֗ם יְשׁוּעָתֶֽךָ׃
3 Ma adesamma nyi wo ayɛ, Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo.
יֹוד֖וּךָ עַמִּ֥ים ׀ אֱלֹהִ֑ים יֹ֝וד֗וּךָ עַמִּ֥ים כֻּלָּֽם׃
4 Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛw dwom, efisɛ wudi nnipa no so trenee mu na woma asase so amanaman no akwankyerɛ.
יִֽשְׂמְח֥וּ וִֽירַנְּנ֗וּ לְאֻ֫מִּ֥ים כִּֽי־תִשְׁפֹּ֣ט עַמִּ֣ים מִישֹׁ֑ור וּלְאֻמִּ֓ים ׀ בָּאָ֖רֶץ תַּנְחֵ֣ם סֶֽלָה׃
5 Ma adesamma nyi wo ayɛ, Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo!
יֹוד֖וּךָ עַמִּ֥ים ׀ אֱלֹהִ֑ים יֹ֝וד֗וּךָ עַמִּ֥ים כֻּלָּֽם׃
6 Afei asase no bɛbɔ ne nnɔbae, na Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn ahyira yɛn.
אֶ֭רֶץ נָתְנָ֣ה יְבוּלָ֑הּ יְ֝בָרְכֵ֗נוּ אֱלֹהִ֥ים אֱלֹהֵֽינוּ׃
7 Onyankopɔn behyira yɛn, na asase mmaa nyinaa besuro no.
יְבָרְכֵ֥נוּ אֱלֹהִ֑ים וְיִֽירְא֥וּ אֹ֝תֹ֗ו כָּל־אַפְסֵי־אָֽרֶץ׃

< Nnwom 67 >