< Nnwom Mu Dwom 2 >

1 Meyɛ Saron nhwiren ne abon mu sukooko.
I am a crocus of Sharon, a lily of the valleys.
2 Sɛnea sukooko a ɛwɔ nsɔe mu te no, saa ara na me dɔfo te wɔ mmabaa mu.
As a lily among thorns, so is my love among the daughters.
3 Sɛnea aprɛ te wɔ kwae mu nnua mu no, saa ara na me dɔfo te wɔ mmerante mu. Sɛ metena ne nwini mu a minya ahomeka na nʼaba nso yɛ mʼanom dɛ.
As the apple tree among the trees of the wood, so is my beloved among the sons. I sat down under his shadow with great delight, his fruit was sweet to my taste.
4 Ɔde me akɔ aponto ase, na mʼagyiraehyɛde yɛ ɔdɔ.
He brought me to the banquet hall, and his banner over me was love.
5 Momma me bobe aba na minya ahoɔden, momma me aprɛ na ennwudwo me, efisɛ ɔdɔ ama matɔ beraw.
Strengthen me with raisins, refresh me with apples; For I am faint with love.
6 Ne nsa benkum da mʼatiko, na ne nsa nifa aka me afam ne bo.
His left hand is under my head. His right hand embraces me.
7 Yerusalem mmabea, mede atwewa ne wuram ɔforote hyɛ mo sɛ: Monnkanyan na munnyan ɔdɔ kosi bere a ɛsɛ mu.
I adjure you, daughters of Jerusalem, by the gazelles, or by the does of the field, that you not stir up, nor awaken love, until it so desires.
8 Tie! me dɔfo! Hwɛ! ɔno na ɔreba no, ɔrehuruhuruw wɔ mmepɔw no so na ɔbɔ pentenkwa wɔ nkoko no so.
The voice of my beloved. Look, he comes, leaping on the mountains, skipping on the hills.
9 Me dɔfo te sɛ ɔtwe anaa ɔforote. Hwɛ! ogyina yɛn fasu akyi, ɔhwɛ mfɛnsere no mu, wagyen nʼani rehwɛ mfɛnsere no mu.
My beloved is like a gazelle or a young deer. Look, he stands behind our wall. He looks in at the windows. He glances through the lattice.
10 Me dɔfo kasa kyerɛɛ me se, “Sɔre, me dɔfo ne mʼahoɔfɛ na bra me nkyɛn.
My beloved spoke, and said to me, "Rise up, my love, my beautiful one, and come away.
11 Hwɛ! awɔwbere atwa mu; na asusow atwa mu kɔ.
For, look, the winter is past. The rain is over and gone.
12 Nhwiren afifi asase ani: nnwonto bere aso. Wɔte mmorɔnoma su wɔ yɛn asase so.
The flowers appear on the earth. The time of the singing has come, and the voice of the turtledove is heard in our land.
13 Borɔdɔma agu nhwiren; na bobe hua agye baabiara. Sɔre bra, me dɔfo; mʼahoɔfɛ, bra me nkyɛn.”
The fig tree ripens her green figs. The vines are in blossom. They give forth their fragrance. Arise, my love, my beautiful one, and come away."
14 Mʼaborɔnoma a wohyɛ abotan ntokuru mu, ahintaw wɔ mmepɔw so, ma minhu wʼanim; ma mente wo nne; wo nne yɛ dɛ, na wʼanim yɛ fɛ.
My dove in the clefts of the rock, In the hiding places of the mountainside, Let me see your face. Let me hear your voice; for your voice is sweet, and your face is lovely.
15 Monkyekyere sakraman no mma yɛn, sakraman nketewa no a wɔsɛe bobe nturo, yɛn bobe nturo a ayɛ frɔmfrɔm no.
Catch for us the foxes, the little foxes that spoil the vineyards; for our vineyards are in blossom.
16 Me dɔfo yɛ me dea, na mewɔ no; ɔhwehwɛ sukooko no mu.
My beloved is mine, and I am his. He browses among the lilies.
17 Enkosi sɛ ade bɛkyɛ na sunsuma bɛsen akɔ no, dan wo ho, me dɔfo, na yɛ sɛ ɔtwewa anaa ɔforote a ɔwɔ nkoko mmonkyi mmonka no so.
Until the day is cool, and the shadows flee away, turn, my beloved, and be like a gazelle or a young stag on the mountains of Bether.

< Nnwom Mu Dwom 2 >