< Nnwom Mu Dwom 7 >

1 Wo nan ne mpaboa yɛ fɛ, Ɔdehye babea! Wʼanantu a wugyina so te sɛ abohemaa, odwumfo nsa ano adwuma.
Que tes pieds sont beaux dans ta chaussure, fille de prince! Les contours de ta hanche sont comme des colliers, Œuvre des mains d’un artiste.
2 Wo funuma yɛ kuruwa a enni nsa a nsa pa wɔ mu bere biara. Wo sisi yɛ atoko a wɔaboa ano na sukooko atwa ho ahyia.
Ton sein est une coupe arrondie, Où le vin parfumé ne manque pas; Ton corps est un tas de froment, Entouré de lis.
3 Wo nufu te sɛ atwemma abien, atwemma nta.
Tes deux seins sont comme deux faons, Comme les jumeaux d’une gazelle.
4 Wo kɔn te sɛ asonse abantenten. Wʼaniwa aba te sɛ Hesbon ntade a ɛwɔ Bat Rabim pon nkyɛn. Wo hwene te sɛ Lebanon abantenten a ɛkyerɛ Damasko no.
Ton cou est comme une tour d’ivoire; Tes yeux sont comme les étangs de Hesbon, Près de la porte de Bath-Rabbim; Ton nez est comme la tour du Liban, Qui regarde du côté de Damas.
5 Wo ti si so sɛ Karmel Bepɔw. Wo tinwi te sɛ adehyetam a wɔadi mu adwinni; wo tinwi atenten no kyere ɔhene dommum.
Ta tête est élevée comme le Carmel, Et les cheveux de ta tête sont comme la pourpre; Un roi est enchaîné par des boucles!…
6 Wo ho yɛ fɛ, ɔdɔ, wo ho yɛ anigye na ɛma ahomeka ara!
Que tu es belle, que tu es agréable, O mon amour, au milieu des délices!
7 Wo sibea te sɛ abɛ dua, na wo nufu te sɛ aduaba kasiaw.
Ta taille ressemble au palmier, Et tes seins à des grappes.
8 Mekae se, “Mɛforo abɛ dua no; na maso nʼaba mu.” Wo nufu nyɛ sɛ bobe kasiaw, na wo home mu hua nyɛ sɛ aprɛ.
Je me dis: Je monterai sur le palmier, J’en saisirai les rameaux! Que tes seins soient comme les grappes de la vigne, Le parfum de ton souffle comme celui des pommes,
9 Na wʼanom hua nyɛ sɛ bobesa papa. Ababaa: Ma bobesa no nkɔ me dɔfo hɔ tee, ɛnsen mfa nʼanofafa ne ne se no so brɛoo.
Et ta bouche comme un vin excellent, … Qui coule aisément pour mon bien-aimé, Et glisse sur les lèvres de ceux qui s’endorment!
10 Meyɛ me dɔfo de, na nʼapɛde ne me.
Je suis à mon bien-aimé, Et ses désirs se portent vers moi.
11 Bra, me dɔfo; ma yɛnkɔ akuraa, ma yɛnkɔda akuraa anadwo baako.
Viens, mon bien-aimé, sortons dans les champs, Demeurons dans les villages!
12 Ma yɛnkɔ bobeturo mu ntɛm nkɔhwɛ sɛ bobe no agu nhwiren, sɛ nhwiren no apaapae, anaasɛ ntunkum no ayɛ frɔmfrɔm. Ɛhɔ na mede me dɔ bɛma wo.
Dès le matin nous irons aux vignes, Nous verrons si la vigne pousse, si la fleur s’ouvre, Si les grenadiers fleurissent. Là je te donnerai mon amour.
13 Adesaa yi ne hua, na akɔnnɔduan nyinaa begu yɛn pon ano, foforo ne dedaw, a mede asie ama wo, me dɔfo.
Les mandragores répandent leur parfum, Et nous avons à nos portes tous les meilleurs fruits, Nouveaux et anciens: Mon bien-aimé, je les ai gardés pour toi.

< Nnwom Mu Dwom 7 >