< 4 Mose 23 >

1 Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Si afɔrebukyia nson wɔ ha, na siesie anantwie mma nson ne nnwennini nson fa wɔn bɔ afɔdeɛ.”
巴兰对巴勒说:“你在这里给我筑七座坛,为我预备七只公牛,七只公羊。”
2 Balak tiee Balaam asɛm no, enti ɔde nantwie ba ne odwennini ba bɔɔ afɔrebukyia nson no biara so afɔdeɛ.
巴勒照巴兰的话行了。巴勒和巴兰在每座坛上献一只公牛,一只公羊。
3 Afei Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Sɔre gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho na mɛhwɛ sɛ Awurade bɛhyia me, na asɛm a ɔbɛka akyerɛ me no nso, mɛka akyerɛ wo.” Enti, ɔforo kɔɔ apampam baabi.
巴兰对巴勒说:“你站在你的燔祭旁边,我且往前去,或者耶和华来迎见我。他指示我什么,我必告诉你。”于是巴兰上一净光的高处。
4 Ɛhɔ na Onyankopɔn hyiaa no. Balaam ka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Masiesie afɔrebukyia nson. Mabɔ afɔrebukyia no biara so nantwie ba ne odwennini ba afɔdeɛ.”
神迎见巴兰;巴兰说:“我预备了七座坛,在每座坛上献了一只公牛,一只公羊。”
5 Afei, Awurade de nkra maa Balaam sɛ ɔnkɔka nkyerɛ ɔhene Balak.
耶和华将话传给巴兰,又说:“你回到巴勒那里,要如此如此说。”
6 Ɛberɛ a Balaam sane baeɛ no, na ɔhene no ne ahenemma a wɔfiri Moab no gyina ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho.
他就回到巴勒那里,见他同摩押的使臣都站在燔祭旁边。
7 Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie: “Ɔhene Balak soma bɛfrɛɛ me firii Aram. Moabhene frɛɛ me firii apueeɛ fam nkokoɔ so. Ɔkaa sɛ, ‘Bra bɛdome Yakob ma me! Bra bɛka mmusuo a ɛbɛba Israelfoɔ so.’
巴兰便题起诗歌说: 巴勒引我出亚兰, 摩押王引我出东山,说: 来啊,为我咒诅雅各; 来啊,怒骂以色列。
8 Ɛbɛyɛ dɛn na matumi madome wɔn a Onyankopɔn nnomee wɔn? Ɛbɛyɛ dɛn na matumi abu wɔn fɔ, nnipa a Awurade mmuu wɔn fɔ?
神没有咒诅的,我焉能咒诅? 耶和华没有怒骂的,我焉能怒骂?
9 Mehunu wɔn firi abotan atifi; mehwɛ wɔn firi nkokoɔ so. Mehunu nnipa a wɔte wɔn ho ase, a wɔayi wɔn afiri amanaman mu.
我从高峰看他,从小山望他; 这是独居的民,不列在万民中。
10 Hwan na ɔbɛtumi akan Yakob asefoɔ, wɔdɔɔso sɛ mfuturo? Hwan na ɔbɛtumi akan Israelfoɔ nkyɛmu ɛnan mu baako? Ma menwu sɛ ɔteneneeni; na mawieɛ nyɛ sɛ wɔn deɛ.”
谁能数点雅各的尘土? 谁能计算以色列的四分之一? 我愿如义人之死而死; 我愿如义人之终而终。
11 Ɔhene Balak bisaa Balaam sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Mede wo baa sɛ bɛdome mʼatamfoɔ, nanso woahyira wɔn!”
巴勒对巴兰说:“你向我做的是什么事呢?我领你来咒诅我的仇敌,不料,你竟为他们祝福。”
12 Nanso, Balaam buaa sɛ, “Metumi aka biribi a Awurade nkaa sɛ menka anaa?”
他回答说:“耶和华传给我的话,我能不谨慎传说吗?”
13 Afei, Balak ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na yɛnkɔ baabi foforɔ. Yɛduru hɔ a, wobɛhunu ɔman Israel fa bi wɔ hɔ. Dome wɔn a wobɛhu wɔn wɔ hɔ no nyinaa.”
巴勒说:“求你同我往别处去,在那里可以看见他们;你不能全看见,只能看见他们边界上的人。在那里要为我咒诅他们。”
14 Ɔhene Balak faa Balaam de no kɔɔ Sofim bepɔ Pisga atifi. Ɔsii afɔrebukyia nson wɔ hɔ. Ɛnna ɔde nantwie ba ne odwennini bɔɔ afɔrebukyia biara so afɔdeɛ.
于是领巴兰到了琐腓田,上了毗斯迦山顶,筑了七座坛;每座坛上献一只公牛,一只公羊。
15 Afei, Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho wɔ ha na me nso merekɔhyia Awurade.”
巴兰对巴勒说:“你站在这燔祭旁边,等我往那边去迎见耶和华。”
16 Awurade hyiaa Balaam na ɔkaa asɛm a ɔnkɔka kyerɛɛ no.
耶和华临到巴兰那里,将话传给他;又说:“你回到巴勒那里,要如此如此说。”
17 Enti, ɔsane baa baabi a ɔhene no ne Moab ahenemma no wɔ a wɔgyina wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. Ɔhene no de ahopere bisaa sɛ, “Awurade aka sɛn?”
他就回到巴勒那里,见他站在燔祭旁边;摩押的使臣也和他在一处。巴勒问他说:“耶和华说了什么话呢?”
18 Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie: “Balak, sɔre na tie; Sipor babarima tie me.
巴兰就题诗歌说: 巴勒,你起来听; 西拨的儿子,你听我言。
19 Onyankopɔn nnyɛ onipa na wadi atorɔ; Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene. Wakasa a wanyɛ anaa? Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so anaa?
神非人,必不致说谎, 也非人子,必不致后悔。 他说话岂不照着行呢? 他发言岂不要成就呢?
20 Wɔhyɛɛ me sɛ menhyira; wahyira, na merentumi nnane no!
我奉命祝福; 神也曾赐福,此事我不能翻转。
21 “Menhunu amanehunu bi a ɛbɛba Yakob so. Ɔhaw biara nni hɔ mma Israel! Awurade, wɔn Onyankopɔn ka wɔn ho. Ɔne wɔn ɔhene!
他未见雅各中有罪孽, 也未见以色列中有奸恶。 耶和华—他的 神和他同在; 有欢呼王的声音在他们中间。
22 Onyankopɔn ayi wɔn afiri Misraim; ɔte sɛ nantwie hoɔdenfoɔ ma wɔn.
神领他们出埃及; 他们似乎有野牛之力。
23 Nnome biara renka Yakob, abayisɛm biara nni tumi wɔ Israel so. Na wɔbɛka wɔ Yakob ho sɛ, ‘Hwɛ anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama Israel!’
断没有法术可以害雅各, 也没有占卜可以害以色列。 现在必有人论及雅各,就是论及以色列说: 神为他行了何等的大事!
24 Saa nnipa yi sɔre sɛ gyataburu. Wɔgyina hɔ sɛ gyata hoɔdenfoɔ. Ɔnnye nʼahome kɔsi sɛ ɔbɛwe nʼahaboa awie na wanom ne mogya nyinaa!”
这民起来,仿佛母狮, 挺身,好像公狮, 未曾吃野食, 未曾喝被伤者之血,决不躺卧。
25 Ɔhene no ka kyerɛɛ Balaam sɛ, “Sɛ worennome wɔn a, ɛnneɛ nhyira wɔn.”
巴勒对巴兰说:“你一点不要咒诅他们,也不要为他们祝福。”
26 Nanso Balaam buaa no sɛ, “Manka ankyerɛ wo sɛ asɛm a Awurade bɛka akyerɛ me sɛ menka no na mɛka?”
巴兰回答巴勒说:“我岂不是告诉你说‘凡耶和华所说的,我必须遵行’吗?”
27 Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ Balaam sɛ, “Mede wo bɛkɔ baabi foforɔ. Ebia, ɛhɔ bɛyɛ anisɔ ama Onyankopɔn sɛ wobɛgyina hɔ adome wɔn.”
巴勒对巴兰说:“来吧,我领你往别处去,或者 神喜欢你在那里为我咒诅他们。”
28 Enti, ɔhene Balak faa Balaam de no kɔɔ bepɔ Peor a ani kyerɛ anweatam no atifi pɛɛ so.
巴勒就领巴兰到那下望旷野的毗珥 山顶上。
29 Bio, Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ ɔnsi afɔrebukyia nson na ɔnsiesie nantwie mma nson ne nnwennini mma nson mma afɔrebɔ.
巴兰对巴勒说:“你在这里为我筑七座坛,又在这里为我预备七只公牛,七只公羊。”
30 Ɔhene no yɛɛ deɛ Balaam kaeɛ no, enti ɔde nantwie ba ne odwennini ba bɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia nson no biara so.
巴勒就照巴兰的话行,在每座坛上献一只公牛,一只公羊。

< 4 Mose 23 >